Altcoins Talks - Cryptocurrency Forum

Local => Ghana Forum => TWI => Topic started by: sieemma on March 12, 2018, 11:04:52 PM

Title: [Anansesem]Adekyeeɛ Mu Nsɛm
Post by: sieemma on March 12, 2018, 11:04:52 PM
Ɛnnora m’adamfo bi kaa anwanwasɛm bi kyerɛɛ me. Ansa na m’adamfo yi bɛfiri ne nsɛnkaeɛ yi ase no, ɔsii so dua sɛ deɛ ɔrebɛka no yɛ asɛm turodoo a ɛsiiɛ wɔ Kumase, borɔno bi a wɔfrɛ no Asokwa no. Sɛ wowɔ berɛ a, dom me sima kakraa bi na me ne wo nkyɛ saa asɛm yi.
Ɔse, berɛ a na ɔsua no, na aberanteɛ bi wɔ wɔn mpɔtam a na, sɛbe, n’adwene mu ka no kakra. Ɔse na edin a wɔn nyinaa de frɛ saa bɔdamni yi ne ‘Marlay’. Na sɛ bɔdamni no din a ɔmaame de too no ara ne ‘Marlay’ no oo, sɛ wɔn a na wɔte mpɔtam hɔ no na wɔde saa din no too no oo, na oibara nnim.
Na Marlay yɛ nipa bi a wafɔn yie. Nanso ne fɔn nyinaa akyi no, da biara a wɔbɛhyia no biara no, na wayɛ sɛ nipa kɛseɛ. Bisa me sɛ deɛn nti.
Ansa na mɛyi w’ano no, ma memmisa wo asɛm bi. M’adamfo no a ɔkaa asɛm yi kyerɛɛ me no susu sɛ mpɛn pii no, nnipa a wɔn adwene mu ka wɔn no fa nnwuma akɛseɛ ahodoɔ toto wɔn ho so. Wo ne m’adamfo yi yɛ adwen anaa?
Wo deɛ yɛntoa asɛm no so. Marlay adwuma a na wafa ato ne ho so ne sɛ ɔbɛkyini da biara na wasesa wɔn a wɔtete mpɔtam hɔ no ntaadeɛ ahyehyɛ. Akokɔ bɔnn kokrokoo ara pɛ, na Marlay asim. Ahemadakye saa deɛ, na nnipa pii no ara ada a wɔrehwa nkorɔmo. Marlay de n’adagya ne ne ho feaa saa ara bɛkyini afie afie mu kɔpem sɛ ɔbɛnya ataadeɛ a ɛdi kan ahyɛ. Ɔnya bi hyɛ a na ɛnkyerɛ sɛ wawie oo. Ɔkɔ so ara sesa afoforɔ hyehyɛ gu deɛ ɔhyehyɛ dada no so. Ntaadeɛ no nso deɛ, ɔnsam. Mmarima ntaadeɛ oo, mmaa ntaadeɛ oo, Marlay bɛhyɛ. Sɛbe mmaa pieto mpo, na Marlay hyɛ.
Nti sɛ wobisaa me deɛ nti a na Marlay afɔn nso na wɔbɛhyia no biara na wayɛ sɛ nipa kɛseɛ a, mmuaeɛ no ara nono. Sɛ Marlay ayɛ kɛseɛ a, na ɛnyɛ sɛ ne ho na atɔ no anaasɛ didi na wadidi amen, na mmom nkorɔfoɔ ntaadeɛ nkoaa na wawiawia ahyehyɛ ayɛ pafuu de nam Asokwa abɔnten so.

yɛnfa aseda ɛmma learnakanfo) (https://www.learnakan.com/twi-short-story)
Title: Re: [Anansesem]Adekyeeɛ Mu Nsɛm
Post by: sieemma on March 12, 2018, 11:05:49 PM
enky3 biara y3b3sua twi
Title: Re: [Anansesem]Adekyeeɛ Mu Nsɛm
Post by: jcmansah on March 13, 2018, 08:55:29 AM
enky3 biara y3b3sua twi


Anneooo mefoa so paa me nua, 3firi s3 twi no nso  b3 boa y3n w)  nkyer3kyer3 NE ntiasi3 pii mu.
Title: Re: [Anansesem]Adekyeeɛ Mu Nsɛm
Post by: sieemma on March 24, 2018, 05:38:23 PM
enky3 biara y3b3sua twi


Anneooo mefoa so paa me nua, 3firi s3 twi no nso  b3 boa y3n w)  nkyer3kyer3 NE ntiasi3 pii mu.
medaase. Y3b3p3 mmer3 asua twi yie w) ha